Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #325
Hymn 325 Yesu, Mama M'asɛnnua So
[V1]
Yesu, mama m'asɛnnua so
Migyaw wiase di W'akyi;
Hwɛ, magyaw ade nyinaa mu,
Ͻnnɛ Wone me kyɛfa;
Sɛ m'adɔde nyinaa year,
Na m'anidaso sa a,
M'asetra mu yɛ anigye,
B're a Aw'rade wɔ me.
Yesu, mama m'asɛnnua so
Migyaw wiase di W'akyi;
Hwɛ, magyaw ade nyinaa mu,
Ͻnnɛ Wone me kyɛfa;
Sɛ m'adɔde nyinaa year,
Na m'anidaso sa a,
M'asetra mu yɛ anigye,
B're a Aw'rade wɔ me.
[V2]
Ma wiase mpo me, wonnyaw me,
Wɔagyaw m'Agyenkwa no nso;
Koma ne ɔbra daadaa me,
Wo de Woyɛ nokwafo.
Sɛ Wode Wo dɔ gya me a,
ɔyaw bi ntumi nhaw me;
Wode Wo dɔ hinta me a,
Minni anigye biara.
Ma wiase mpo me, wonnyaw me,
Wɔagyaw m'Agyenkwa no nso;
Koma ne ɔbra daadaa me,
Wo de Woyɛ nokwafo.
Sɛ Wode Wo dɔ gya me a,
ɔyaw bi ntumi nhaw me;
Wode Wo dɔ hinta me a,
Minni anigye biara.
[V3]
Ͻnde ɔkra, bu wo nkwagye,
Po bɔne, ehu, dadwen;
Nya dɛw a wɔde hu 'dwuma
Ne asodi baabėara:
Hu Honhom a ɛte wo mu,
Agya no res're ky'rɛ wo;
Hu sɛ Yesu wui de gyee wo,
Nyame ba, worenwiinwii?
Ͻnde ɔkra, bu wo nkwagye,
Po bɔne, ehu, dadwen;
Nya dɛw a wɔde hu 'dwuma
Ne asodi baabėara:
Hu Honhom a ɛte wo mu,
Agya no res're ky'rɛ wo;
Hu sɛ Yesu wui de gyee wo,
Nyame ba, worenwiinwii?
[V4]
Fi dom mu kɔ 'nuonyam mu ntɛm,
Fa gyidi ne mpaebɔ mia;
ɔs'ro nnasanten da w'anim,
Nyame nsa bɛsɔ wo mu.
Wo fam ha dwumadi bɛsa,
W'akwantu nna nso betwam';
Anidaso bɛsow aba,
Mpaebɔ bɛdan ayeyi.
Fi dom mu kɔ 'nuonyam mu ntɛm,
Fa gyidi ne mpaebɔ mia;
ɔs'ro nnasanten da w'anim,
Nyame nsa bɛsɔ wo mu.
Wo fam ha dwumadi bɛsa,
W'akwantu nna nso betwam';
Anidaso bɛsow aba,
Mpaebɔ bɛdan ayeyi.