Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #298

Hymn 298 Medem' Bɔne Ma Yesu

[V1]
Medem' bɔne ma Yesu,
'Guammaa a Onni dɛm;
Wasoa ne ny'naa ayi me
Mmusu nnesoa ase.

[V2]

Mede m'afodi brɛ No,
Sɛ ɔnhoh'ro fi no;
Wɔ Ne mogya dehye nom'
Nyi nkekae nyinaa hɔ.

[V3]

Mede me hia brɛ Yesu'
Mayɛ ny'naa te Ne mu;
ɔsa me nyarewa ny'naa
Afei ɔpɔn me kra.

[V4]

Mepɛ sɛ mesɛ Yesu,
ɔdwo na ɔwɔ dɔ;
Mepɛ sɛ mesɛ Yesu,
Agya Ba Kronkron no.

[V5]

Medɔ sɛ mebɛn Yesu,
Wɔ soro kuw no mu;
Ne wɔn ato N'ayeyi,
Asua 'bɔfo nnwom no."

298. Medem' Bɔne Ma Yesu

Link copied to clipboard successfully!