Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #299

Hymn 299 Fa F'ri Yɛn Sɛnea Yɛde F'ri

[V1]
Fa f'ri yɛn sɛnea yɛde f'ri,
'Yi ne mpae a Woky'rɛe;
Wo nko na Wobɛma yɛn dom
De adi nsɛm yi so.

[V2]

Wo dom bɛyɛ dɛn ahyira
Komá a ennim faf'ri,
Ͻdwen bɔne ho na enyi
Ne yaw mfi ne mu no?

[V3]

W'asɛnnua yi nokware a
Yenhu no yie no ky'rɛ:
'Ká a afof'ro de yɛn no sua;
'Ká a yɛde Wo no so.

[V4]

'Wura, hoh'ro yɛn mu nyinaa,
Na yi nitan hɔ kōraa;
Wo mmɔb'rɔhun' ka yɛn bom a,
Yɛn bra 'ky'rɛ W'asomdwoe.

299. Fa F'ri Yɛn Sɛnea Yɛde F'ri

Link copied to clipboard successfully!