Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #297

Hymn 297 Nyankopɔn Hu Me Mmɔbɔ

[V1]
Nyankopɔn hu me mmɔbɔ,
Migyaw m'adesrɛ ma Wo;
W'ahummɔb'rɔ dɔɔso nti,
Popa me mm'rato seesei;
Guare me na tew me ho;
Hoh'ro me bɔne nyinaa.
Guare me na tew me ho;
Hoh'ro me bɔne nyinaa.

[V2]

Wɔawo me wɔ bɔne mu,
Wohwehwɛ nokwar' me mu;
Wo nkutoo ne m'Agyenkwa,
Fa Wo nyansa hyɛ me mu;
Na fa Wo dom yɛ me kronn,
Hoa me sene suky'rɛmma.
Na fa Wo dom yɛ me kronn,
Hoa me sene suky'rɛmma.

[V3]

Sesa me koma 'Domfo,
Ma me nokware honhom;
Nto me mfi Wo nkyɛn, Wura,
Ma Wo honhom ntra me mu;
Mam' Wo nkwagye ho 'nigye
Na hyɛ me koma no den.
Mam' Wo nkwagye ho 'nigye,
Na hyɛ me koma no den.

[V4]

Nnebɔn'yɛfo besua me,
Na wɔaba Wo Nyame nkyɛn;
'Gyenkwa, yi me bɔne ny'naa,
Na mato Wo dɔ ho dwom;
Ka m'anofafa, Wura,
Na meyi Wo ayɛ daa.
Ka m'anofafa, Wura,
Na meyi Wo ayɛ daa.

297. Nyankopɔn Hu Me Mmɔbɔ

Link copied to clipboard successfully!