Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #274
Hymn 274 A Sɛm a 'Bɛyɛɛ Nipa
[V1]
Asɛm a 'bɛyɛɛ nipa,
Nyansa a efi s'ro,
Nokwar' a ɛnsakra da,
O, yɛn sum mu kanea;
Yeyi W'ayɛ wɔ hann a
Efi W'asɛm mu nti
Ͻyɛ yɛn nan 'se kanea
A ɛhy'rɛn fi tete.
Asɛm a 'bɛyɛɛ nipa,
Nyansa a efi s'ro,
Nokwar' a ɛnsakra da,
O, yɛn sum mu kanea;
Yeyi W'ayɛ wɔ hann a
Efi W'asɛm mu nti
Ͻyɛ yɛn nan 'se kanea
A ɛhy'rɛn fi tete.
[V2]
Asafon' nyaa s'ro 'kyɛde
Fii ne W'ra pa no hɔ;
Na ɔda so ma hann no
Hy'rɛn wɔ wiase nyinaa;
Ͻyɛ sika 'daka a
Nokwar' nnwinne gu mu;
Ͻyɛ ɔs'ro mfoni a
Eyi Kristo no ky'rɛ.
Asafon' nyaa s'ro 'kyɛde
Fii ne W'ra pa no hɔ;
Na ɔda so ma hann no
Hy'rɛn wɔ wiase nyinaa;
Ͻyɛ sika 'daka a
Nokwar' nnwinne gu mu;
Ͻyɛ ɔs'ro mfoni a
Eyi Kristo no ky'rɛ.
[V3]
Ͻyɛ frankaa a edi
Nyame dɔm no anim;
Ͻhyerɛn te sɛ kanea
Wɔ esum wiase mu;
Ͻyɛ hyɛn akwanky'rɛde
Wɔ ɔbra po yi so,
Botan ne anweam, ɛky'rɛ
Kwan ba Wo, Kristo nkyɛn.
Ͻyɛ frankaa a edi
Nyame dɔm no anim;
Ͻhyerɛn te sɛ kanea
Wɔ esum wiase mu;
Ͻyɛ hyɛn akwanky'rɛde
Wɔ ɔbra po yi so,
Botan ne anweam, ɛky'rɛ
Kwan ba Wo, Kristo nkyɛn.
[V4]
'Gyenkwa pa ma W'asafo
Nyɛ sika kanea kronn;
Nni Wo hann ho adanse,
Nky'rɛ aman sɛ teten';
Ky'rɛ kwantofo a wɔay'ra
Ma wonhu Wo kwan no,
Kosi sɛ sum betwa mu
Na wobehu W'anim.
'Gyenkwa pa ma W'asafo
Nyɛ sika kanea kronn;
Nni Wo hann ho adanse,
Nky'rɛ aman sɛ teten';
Ky'rɛ kwantofo a wɔay'ra
Ma wonhu Wo kwan no,
Kosi sɛ sum betwa mu
Na wobehu W'anim.