Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #242
Hymn 242 Yesu Pa, Yɛn Koma 'Nigye
[V1]
Yesu pa, yɛn koma 'nigye,
Wo, nkwa nsuti, Wo, nnipa hann;
Yefi asase so dɛw mu,
San ba Wo nkyɛn bio, nsapan mu.
Yesu pa, yɛn koma 'nigye,
Wo, nkwa nsuti, Wo, nnipa hann;
Yefi asase so dɛw mu,
San ba Wo nkyɛn bio, nsapan mu.
[V2]
W'asɛm tim hɔ, ɛnsakra da;
Wogye wɔn a wosu frɛ Wo,
Woyɛ ma wɔn a wɔhwehwɛ W'
Ne wɔn a wohu Wo nyinaa.
W'asɛm tim hɔ, ɛnsakra da;
Wogye wɔn a wosu frɛ Wo,
Woyɛ ma wɔn a wɔhwehwɛ W'
Ne wɔn a wohu Wo nyinaa.
[V3]
O, Wo na Woyɛ nkwa 'bodoo,
Yɛn kɔn da so dɔ W'aponto,
Yɛnom fi Wo nkwa nsuti mu,
De dwudwo yɛn kra sukɔm no.
O, Wo na Woyɛ nkwa 'bodoo,
Yɛn kɔn da so dɔ W'aponto,
Yɛnom fi Wo nkwa nsuti mu,
De dwudwo yɛn kra sukɔm no.
[V4]
Yɛn honhom 'brɛfo su frɛ Wo,
Sɛnea yɛn bra besi biara;
Yehu Wo a yɛn ani gye,
Yɛsɔ Wo mu a yenya nhy'ra.
Yɛn honhom 'brɛfo su frɛ Wo,
Sɛnea yɛn bra besi biara;
Yehu Wo a yɛn ani gye,
Yɛsɔ Wo mu a yenya nhy'ra.
[V5]
O, Yesu, Wo ne yɛn ntra daa;
Ma yɛn mm're mu nnwo na ɛnhy'rɛn;
Pam bɔne sum yi nyinaa kɔ,
Ma Wo hann kronkron nhy'rɛn wiase.
O, Yesu, Wo ne yɛn ntra daa;
Ma yɛn mm're mu nnwo na ɛnhy'rɛn;
Pam bɔne sum yi nyinaa kɔ,
Ma Wo hann kronkron nhy'rɛn wiase.