Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #241

Hymn 241 Yesu Wo Ho Adwen Nkutoo

[V1]
Yesu Wo ho adwen nkutoo
De dɛw hyɛ me mu ma;
W'anim hwɛ m'anigye pii,
W'anim wɔ ɔhome.

[V2]

Nne ntumi nto, koma nso nhu,
Na adwen ntumi nky'rɛ;
Nea ɛyɛ dɛ kyɛn Yesu din,
O, adasa 'Gyenkwa.

[V3]

Komā a abubu 'nidaso,
Ahobrɛasefo dɛw;
Woyɛ ma wɔn a wɔhwč ase,
Ne wɔn a wɔhwehwɛ.

[V4]

Ͻte dɛn ma wɔn a wohu?
Ano ntum' nka, wɔnky'rɛw;
Sɛnea Yesu dɔ no te no.
N'adɔfo nko n'enim.

[V5]

Yesu Wo nko ne yɛn 'nigye,
Wo ne yɛn akyɛde;
Wo na Woyɛ yɛn 'nuonyam nnɛ
Ne mm'rč a ennio awiei.

241. Yesu Wo Ho Adwen Nkutoo

Link copied to clipboard successfully!