Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #240
Hymn 240 Aw'rade Yesu
[V1]
Aw'rade Yesu Abɔde nyinaa Hen'
Woyɛ Nyame ne nipa Ba;
Wosom bo ma me,
MɛhyɛW' anuonyam,
Woyɛ m'anigye ne 'henkyɛw.
Aw'rade Yesu Abɔde nyinaa Hen'
Woyɛ Nyame ne nipa Ba;
Wosom bo ma me,
MɛhyɛW' anuonyam,
Woyɛ m'anigye ne 'henkyɛw.
[V2]
Sare yɛ frɔmfrɔm, Na kwae no nso yɛ fɛ;
'Suso ma wɔn nhabammono,
Nso Yesu kyɛn saa.
Yesu yɛ kronkron,
ɔma koma 'brɛfo to dwom.
Sare yɛ frɔmfrɔm, Na kwae no nso yɛ fɛ;
'Suso ma wɔn nhabammono,
Nso Yesu kyɛn saa.
Yesu yɛ kronkron,
ɔma koma 'brɛfo to dwom.
[V3]
Awia hann yɛ fɛ, ɔsram hann nso yɛ fɛ,
Na soro nsoromma nyinaa,
Yesu hy'rɛn kyɛn wɔn;
Ne hy'rɛn yɛ kronkron
Sen' s'ro abɔfo nyinaa de.
Awia hann yɛ fɛ, ɔsram hann nso yɛ fɛ,
Na soro nsoromma nyinaa,
Yesu hy'rɛn kyɛn wɔn;
Ne hy'rɛn yɛ kronkron
Sen' s'ro abɔfo nyinaa de.
[V4]
'Gyenkwa 'hoɔfɛfo: Aman nyinaa Wura,
Nyame Ba ne nipa Ba no;
'Nuonyam ne 'nidi,
'Yeyi ne nkamfo
Nyɛ Wo de mm'resanten nyinaa.
'Gyenkwa 'hoɔfɛfo: Aman nyinaa Wura,
Nyame Ba ne nipa Ba no;
'Nuonyam ne 'nidi,
'Yeyi ne nkamfo
Nyɛ Wo de mm'resanten nyinaa.