Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #231

Hymn 231 Nɔhyira Ne ɔhen' a

[V1]
Nɔhyira ne ɔhen' a
ɔba Nyame din mu;
Ma apon ny'naa mmue mma No,
Na koma nyɛ saa'ra;
Wanhyɛ 'henni atade
Amma no kɛseyɛm'
Mmom ɔbaa sɛ ohianiɔ
'Yi ky'rɛ N'ahobrɛase.

[V2]

Nɔhyira ne ɔhen' a
ɔba Nyame din mu,
Wɔn a wotie nokwarem,
Te Ne nne yie ampa;
'Hantanfo a wɔmpɛ sɛ
Wotie Kristo a ɔyɛ
Bɔhyɛ ne 'Patafo no,
Hu wɔn ny'naa nso mmɔbɔ.

[V3]

Nɔhyira ne ɔhen' a
ɔba Nyame din mu,
ɔno na Oyi Nyame
Kyerɛ 'hobrɛasefo.
Tumi ne 'nuonyam wɔ No,
Nneɛma ny'naa wɔ Ne nsam
Mmere ne nnipa ny'naa nso,
Kosi sɛ b're bɛsa.

[V4]

Nɔhyira ne ɔhen' a
ɔba Nyame din mu;
Wɔn a wɔso nnesoa no,
Wonya 'dom ne home!
ɔdwo, ɔbrɛ ne hō ase
Ne kɔndua yɛ hare,
ɔbɛboa ama yɛasoa,
Na yɛanya 'hofadi.",

231. Nɔhyira Ne ɔhen' a

Link copied to clipboard successfully!