Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #227
Hymn 227 Baabiara Nea Owia Hyerɛn
[V1]
Baabiara nea owia hyerɛn,
Yesu bedi hene hɔ daa;
N'ahenni trɛw fi pom' kɔ pom'
Kosi sɛ ɔsram rennum bio.
Baabiara nea owia hyerɛn,
Yesu bedi hene hɔ daa;
N'ahenni trɛw fi pom' kɔ pom'
Kosi sɛ ɔsram rennum bio.
[V2]
Aman ne kasa biara nso
De nnwonto pa bɛtra Ne dɔm';
Na mmotafowa nso ato
Hosana ama Ne din no.
Aman ne kasa biara nso
De nnwonto pa bɛtra Ne dɔm';
Na mmotafowa nso ato
Hosana ama Ne din no.
[V3]
Nhyira wɔ nea Odi hene;
Deduani bubu mpoky'rɛ mu;
Na ɔbrɛfo nya daa home,
Na wɔn a ɔkɔm de wɔn mee.
Nhyira wɔ nea Odi hene;
Deduani bubu mpoky'rɛ mu;
Na ɔbrɛfo nya daa home,
Na wɔn a ɔkɔm de wɔn mee.
[V4]
Ma abɔde biara nsɔre
Mfa anuonyam mmrɛ yɛn Hen' no,
'Bɔfo mfa nnwom mfi s'ro nsian bio,
Na asase nnye so Amen.
Ma abɔde biara nsɔre
Mfa anuonyam mmrɛ yɛn Hen' no,
'Bɔfo mfa nnwom mfi s'ro nsian bio,
Na asase nnye so Amen.