Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #226

Hymn 226 Momma Mo Ti So

[V1]
Momma mo ti so, 'ponkɛse!
Hwɛ sɛ 'nuonyam Hen' no retwɛn;
Ahene mu Hen' no rebɛn,
Wiase Agyenkwa no wɔ ha.

[V2]

'W'rade tene, ɔyɛ boafo;
Mmɔb'rɔhun' wɔ Ne nkyɛn daa daa;
Na kronkronyɛ ne N'ahenkyɛw;
Haw mu tema ne Ne poma.

[V3]

Nhyira nka ɔman ne kuro
A wɔbɔ ɔhen' Kristo din:
'Nigye nka koma ne fie a
ɔhen' yi ba mu nkonimdim'.

[V4]

Bue wo koma pon mu ma No;
Yɛ no asɔr'fie a wɔatew ho
Ama ɔsoro dwumadi;
Nea mpaebɔ, 'dɔ ne 'nigye wom.

[V5]

ɔgyefo, bra me koma mu,
Mibue sɛ bɛtra mu, 'Wura;
Ma mente Wo nka wɔ me mu,
Yi W' dom ne dɔ adi ky'rɛ me.

226. Momma Mo Ti So

Link copied to clipboard successfully!