Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #225

Hymn 225 Nyame Da N'at'rimpɔ Adi

[V1]
Nyame da N'at'rimpɔ adi
B're a mfe resen no;
Nyame da N'at'rimpɔ adi
Na b're no retwe bɛn;
Twe ara na ɛretwe bɛn Etwa sɛ ɛba'ra;
B'rč a Nyame anuonyam bɛhyɛ 'sase so ma,
Sɛnea nsu ayɛ po ma no.

[V2]

Efi apuei de kɔ atɔeɔ Nea nnipa tia biara;
Nyame nam 'somafo pii so
Kasa ky'rɛ aman ny'naa.
Monyɛ aso ntie me, mo nsase
Ne mo nsupɔw no ny'naa;
Sɛ Nyame anuonyam bɛhyɛ 'sase so ma,
Sɛnea nsu ayɛ po ma no.

[V3]

Yɛrekɔ wɔ Nyame tumim',
Kristo frankaa dė anim;
Na 'nuonyam asɛmpa hann no
Ahy'rɛn wɔ wiase ny'naa;
Yɛko wɔ 'w'rɛhow ne bɔnem'
Ma nnommum faw'hodi;
Na Nyame anuonyam ahyɛ 'sase so ma,
Sɛnea nsu ayɛ po ma no.

[V4]

Nea yetum' yɛ biara nni mu
Gye sɛ Nyame hy'ra so;
Nyame amma aba no nkwá a
Yɛrennya hwee twab'rem;
Twe ara na ɛretwe bɛn, Etwa sɛ ɛba'ra;
B'rč a Nyame anuonyam bɛhyɛ 'sase so ma,
Sɛnea nsu ayɛ po ma no.

225. Nyame Da N'at'rimpɔ Adi

Link copied to clipboard successfully!