Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #224

Hymn 224 Monhwehwɛ 'Henni N' Kan

[V1]
Monhwehwɛ 'henni n' kan, mō Agya 'pɛde ni;
Saa na Yesu frɛ yɛn sɛ yenni N'akyi;
'Gyenkwa, yebetie Wo ahwehwɛ ahu W'
Na ɔbra 'kwantu yim' yɛayɛ W'asuafo.

[V2]

Sɛnea ɛte sɛ 'gyapadč a ahinta
A nnipa hu a wɔtɔn nea wɔwɔ ny'naa;
Saa na yehu 'henni no ho 'nisoadč a
Ne nnepa ne ne fɛ ny'naa bɛyɛ yɛn de.

[V3]

Sɛnea mmɔkaw yɛ n'adwuma wɔ kokoam',
Anaa aba nyin 'nadwo ne awia no,
Saa na Aw'rade, ma W'asɛm ntra yɛn mu,
Na yenya 'somdwoe ne W'ahennim' tumi.

[V4]

Sɛnea dua ketewa bi nyin yɛ kɛse,
Na soro nnomaa kogu ne mman so no;
Saa na Nyame mma fi apuei nč atɔe
Bɛboa wɔn ano N'ahennim' ahome.

[V5]

'Hobrɛasefo ne ahiafo bedi hen',
Wɔbɛba fie sɛ 'bofrá a wɔawon' Wo mu;
Akwantufo de 'hosɛpɛ bedu hɔ;
Monhwɛ Nyame Teasefo n' nuonyam 'henni.

224. Monhwehwɛ 'Henni N' Kan

Link copied to clipboard successfully!