Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #222
Hymn 222 Tie Sɛ Nsanku Ne Nne Mpem Du
[V1]
Tie sɛ nsanku ne nne mpem du
To ayeyi nnwom wɔ s'ro;
Yesu di hen', s'rofo di dɛw,
ɔdɔ Nyame no di hen';
Hwɛ, ɔte 'hengua so s'ro;
Yesu nko di wiase so;
Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!
Tie sɛ nsanku ne nne mpem du
To ayeyi nnwom wɔ s'ro;
Yesu di hen', s'rofo di dɛw,
ɔdɔ Nyame no di hen';
Hwɛ, ɔte 'hengua so s'ro;
Yesu nko di wiase so;
Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!
[V2]
Anuonyam Hene, di hen' daa,
W'ahenkyɛw no wɔ hɔ daa;
B'ribiara ntumi nte wɔn a
Woagye wɔn ne Wo dɔ ntam;
Wɔn a Wode dom gyee wɔn
Sɛ sɛ wobehu W'anim:
Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!
Anuonyam Hene, di hen' daa,
W'ahenkyɛw no wɔ hɔ daa;
B'ribiara ntumi nte wɔn a
Woagye wɔn ne Wo dɔ ntam;
Wɔn a Wode dom gyee wɔn
Sɛ sɛ wobehu W'anim:
Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!
[V3]
Agyenkwa, ma Wo mmae nyɛ ntɛm,
Ma W'anuonyam da no mm'ra;
B'rč a wɔbɛte nteam nwanwa no,
S'ro ne asase betwam:
Na yɛde sika nsanku
Bɛto: 'Nuonyam nka yɛn Hen'.
Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!
Agyenkwa, ma Wo mmae nyɛ ntɛm,
Ma W'anuonyam da no mm'ra;
B'rč a wɔbɛte nteam nwanwa no,
S'ro ne asase betwam:
Na yɛde sika nsanku
Bɛto: 'Nuonyam nka yɛn Hen'.
Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!