Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #193

Hymn 193 'Gyenkwa, Ky'rɛ Me Da Biara

[V1]
'Gyenkwa, ky're me da biara,
Ma minni dɔ 'desua so;
Adesua bi nyɛ dɛ sɛ
Mɛdɔ Neá Odii kan dɔɔ me.

[V2]

Ma memfa 'bofra koma,
Nyɛ nea Wohwehwɛ biara;
Mensom Wo, nni W'akyi daa,
Wo a Wudii kan dɔɔ me.

[V3]

Kyerɛ me ma minhu sɛ,
Menne m' ho, meyɛ Wo de;
Wo na Wohwɛ me, gye me
Fi bɔne nkoasom ny'naa mu.

[V4]

Ma menyɛ dɔ adwuma,
Mfa 'nigye nyɛ W'apɛde;
Na me daa 'nigye nyɛ sɛ:
Mɛdɔ Neá Odii kan dɔɔ me.

[V5]

Ma minni W'akyi ara,
Mfa 'hoɔden nnye Wo dom no;
Ma minsua dɔ mfi Wo hɔ,
Wo a Wudii kan dɔɔ me.

193. 'Gyenkwa, Ky'rɛ Me Da Biara

Link copied to clipboard successfully!