Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #290
Hymn 290 Twa W'ani Kɔkwɛ Yesu
[V1]
Okra, haw ne 'w'rɛhow ahyɛw' ma?
Wunhu hann wɔ sum yi akyi?
Wohwɛ 'Gyenkwa a, wubenya hann
Ne daa nkwa a wɔde kyɛ kwa.
**Nnyeso**
Twa w'ani kɔhwɛ Yesu,
Hwɛ N'anim nwanwa no pɔtee;
Na 'sase so nneɛma bɛy'ra wɔn fɛ,
Wɔ N'anuonyam ne Ne dom hann nom'.
Okra, haw ne 'w'rɛhow ahyɛw' ma?
Wunhu hann wɔ sum yi akyi?
Wohwɛ 'Gyenkwa a, wubenya hann
Ne daa nkwa a wɔde kyɛ kwa.
**Nnyeso**
Twa w'ani kɔhwɛ Yesu,
Hwɛ N'anim nwanwa no pɔtee;
Na 'sase so nneɛma bɛy'ra wɔn fɛ,
Wɔ N'anuonyam ne Ne dom hann nom'.
[V3]
Ofii owu mu kɔɔ daa nkwa mu,
Yebedi N'akyi akɔ hɔ;
Bɔne rentum' mfa yɛn nnommum bio,
'Fisɛ yɛsen nkonimdifo.
Ofii owu mu kɔɔ daa nkwa mu,
Yebedi N'akyi akɔ hɔ;
Bɔne rentum' mfa yɛn nnommum bio,
'Fisɛ yɛsen nkonimdifo.
[V4]
N'asɛm ne Ne bɔhyɛ ntumi ntwam;
Gye No di n'ebesi wo yie:
Kɔ wiase a 'kra gu so rewu,
Ka Ne nkwagye ho asɛm ky'rɛ.
N'asɛm ne Ne bɔhyɛ ntumi ntwam;
Gye No di n'ebesi wo yie:
Kɔ wiase a 'kra gu so rewu,
Ka Ne nkwagye ho asɛm ky'rɛ.