Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #188
Hymn 188 Me Dwom Yɛ Dɔ Nwanwa
[V1]
Me dwom yɛ dɔ nwanwa
Dɔ a 'Gyenkwa wɔ ma me,
ɔma nea onni dɔ Nya bi sɛ ɔdɔfo.
O hena ne me sɛ me nti
M'Aw'rade faa nipasu wui?
Me dwom yɛ dɔ nwanwa
Dɔ a 'Gyenkwa wɔ ma me,
ɔma nea onni dɔ Nya bi sɛ ɔdɔfo.
O hena ne me sɛ me nti
M'Aw'rade faa nipasu wui?
[V2]
Ofii nhy'ra 'hengua so,
De nkwagye brɛɛ nnipa,
Nanso nnipa ampɛ Sɛ wohu Kristo no;
ɔno ne m'Adamfo ampa
Me nti ɔde Ne nkwa too hɔ.
Ofii nhy'ra 'hengua so,
De nkwagye brɛɛ nnipa,
Nanso nnipa ampɛ Sɛ wohu Kristo no;
ɔno ne m'Adamfo ampa
Me nti ɔde Ne nkwa too hɔ.
[V3]
Nnipa tumi gye No,
To No ayeyi dwom;
Na da mu ny'naa wɔto
Hosana ma wɔn Hen',
Afei wɔteam: 'Bɔ No 'sɛnnuam'
De hwehwɛ sɛ wɔbeku No.
Nnipa tumi gye No,
To No ayeyi dwom;
Na da mu ny'naa wɔto
Hosana ma wɔn Hen',
Afei wɔteam: 'Bɔ No 'sɛnnuam'
De hwehwɛ sɛ wɔbeku No.
[V4]
Dɛn na me W'ra ayɛ?
Dɛn ne abufuw yi?
ɔmaa mpakye sɔree, Nif'raefo huu ade;
Yeinom ny'naa ansɔ wɔn ani,
Ͻno nti wɔsɔre tiaa No.
Dɛn na me W'ra ayɛ?
Dɛn ne abufuw yi?
ɔmaa mpakye sɔree, Nif'raefo huu ade;
Yeinom ny'naa ansɔ wɔn ani,
Ͻno nti wɔsɔre tiaa No.
[V5]
Wɔsɔre bom ka sɛ:
Wɔmfa m'Aw'rade nkɔ;
Wɔgye 'wudifo nkwa,
Na wokum nkwa Hen' no;
Nanso ɔde 'nigye kɔ wum'
Sɛnea ɔbɛgye N'atamfo.
Wɔsɔre bom ka sɛ:
Wɔmfa m'Aw'rade nkɔ;
Wɔgye 'wudifo nkwa,
Na wokum nkwa Hen' no;
Nanso ɔde 'nigye kɔ wum'
Sɛnea ɔbɛgye N'atamfo.
[V6]
Ha na mɛtra ato
S'ro Asɛm no ho dwom;
ɔhen' dɔfo, ɔdɔ Ne yaw bi nsɛ Wo de;
Oyi ne m'Adamfo ampa;
Mɛto Ne ho dwom no daa ny'naa.
Ha na mɛtra ato
S'ro Asɛm no ho dwom;
ɔhen' dɔfo, ɔdɔ Ne yaw bi nsɛ Wo de;
Oyi ne m'Adamfo ampa;
Mɛto Ne ho dwom no daa ny'naa.