Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #189
Hymn 189 Hena N'ɔma Me Koma Dɛw
[V1]
Hena n'ɔma me koma dɛw
Sɛ Yesu Kronkronni no?
ɔnokwafo a ɔsom bo,
Nhy'ra bɛn ni sɛ ɔwɔ me?
**Nnyeso**
Nea 'sɛpɛ me kra ne Yesu,
ɔsom me bo sen nkwa mpo;
Mɔpem du mu 'hoɔfɛfo no,
Mihu wɔ m'Aw'rade mu.
Hena n'ɔma me koma dɛw
Sɛ Yesu Kronkronni no?
ɔnokwafo a ɔsom bo,
Nhy'ra bɛn ni sɛ ɔwɔ me?
**Nnyeso**
Nea 'sɛpɛ me kra ne Yesu,
ɔsom me bo sen nkwa mpo;
Mɔpem du mu 'hoɔfɛfo no,
Mihu wɔ m'Aw'rade mu.
[V2]
Kristo dɔ a ɔde ma kwa,
Nyame dom a ɛkyɛn so;
Mmɔb'rɔhun' a ɛk'rɔn sen s'ro,
Emu dɔ sen 'po bun' ny'naa.
Kristo dɔ a ɔde ma kwa,
Nyame dom a ɛkyɛn so;
Mmɔb'rɔhun' a ɛk'rɔn sen s'ro,
Emu dɔ sen 'po bun' ny'naa.
[V3]
ɔma me nea ehia me ny'naa,
Mihu nnepa ny'naa Ne mu;
Metwer' N'ahoɔden kronkron no
ɔno ne me b'ribiara.
ɔma me nea ehia me ny'naa,
Mihu nnepa ny'naa Ne mu;
Metwer' N'ahoɔden kronkron no
ɔno ne me b'ribiara.
[V4]
Nɔkwa asubɔnten no ho,
Me ne s'ro dɔm bɛto dwom;
Na mm'resanten mfesanten mu,
Mayi ɔhen' no ayɛ.
Nɔkwa asubɔnten no ho,
Me ne s'ro dɔm bɛto dwom;
Na mm'resanten mfesanten mu,
Mayi ɔhen' no ayɛ.