Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #163

Hymn 163 Dua No Ho

[V1]
So wohwiee m'Agyenkwa mogya?
Na me Hene no wui?
So ɔde Ne ti kronkron no
Ba bɛgyee me sɛɛ yi?

**Nnyeso**
Dua no ho, dua no ho,
'Hɔ na mihuu hann no,
Na me komam adesoa no te hwee;
Hɔ na menam gyidi so huu ade,
Na ɛnnɛ m'ani gye daa nyinaa.

[V3]

So me bɔne nti na ɔhuu
Amane dua no so?
Mmɔb'rɔhun' bɛn ni! 'dom nwanwa,
'Dɔ a enni kabea!

[V4]

'W'rɛhow biara rentumi ntua
'Dɔ ka a mede no;
'W'ra, mede me ho ny'naa ma Wo,
Nea metum' ayɛ ni!

163. Dua No Ho

Link copied to clipboard successfully!