Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #149

Hymn 149 B're Bi Dawid Ahenk'ro Nom

[V1]
B're bi Dawid ahenk'ro nom,
Wɔ mmoa adididan mu,
Nea ɛna bi dedaa ne Ba,
De sare yɛɛ Ne mpa no,
Maria ne ɔbaatan no;
Yesu Kristo, ne Ba no.

[V2]

Ofii s'ro baa asase so,
Nea ɔyɛ ade ny'naa W'ra;
Ne dan yɛ mmoa 'didi daka,
Ne mpa nso yɛ sare nko;
Yɛn Agyenkwa kronkron no
Ne 'hiafo traa wiase ha.

[V3]

N'anwanwa mmofraa b'rem ny'naa no,
ɔmaa 'nidi, yɛɛ setie;
ɔde dɔ hwɛɛ Ne na wiɛmfo
A ɔda ne nsa so no;
Kristofo mmofra nyinaa,
Monyɛ setie sɛ ɔno.

[V4]

Daakye yɛn ani behu No,
N'ankasa dɔ nkwagye mu;
Fisɛ saa 'Bofra dɔfo yi,
Yɛ yɛn Aw'rade wɔ s'ro;
Na Odi Ne mmofrá anim
Akɔ nea ɔwɔ hɔ no.

149. B're Bi Dawid Ahenk'ro Nom

Link copied to clipboard successfully!