Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #102

Hymn 102 Mmepɔ a Atwā Ahyia Yi Na Mema

[V1]
Mmepɔ a atwā ahyia yi na mema M'ani so ky'rɛ?
Hefa na me nkwagye befi aba? Efi hefa?
Me mmoa fi Awurade Nyame nkyɛn,
Nyame a ɔbɔɔ s'ro ne asase.

[V2]

ɔremma wo nan nwat'ri ara da, Wubedi yie.
ɔrentɔ nko na ɔrenná ara da, Nea ɔhwɛw' no.
Hwɛ yɛn Awurade Nyame no nko,
Nea ɔhwɛ Israel wɔ kronkronyɛm' no.

[V3]

Yehowa n'ara ne wo Hwɛfo no, Wo nwini no;
Yehowa ankasa ne wo banbɔ, Wo nifa so;
Owia renhye wo awiabere mu,
Na ɔsram nso renhye wo anadwo.

[V4]

Obeyi wo kra 'fi mmusu biaram', Bɔne biaram';
Yehowa bɛhwɛ w'adifi nyinaa, New' fi ba so.
Nea yɛdo No no, ɔbɛhwɛ wo so,
ɔbɛkora wo so de kosi daa.

102. Mmepɔ a Atwā Ahyia Yi Na Mema

Link copied to clipboard successfully!