Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #98
Hymn 98 So Wubetum' Akan Ns'romma
[V1]
So wubetum' akan ns'romma
A ɛhy'rɛn wim anadwo?
Wubetum' akan mununkum
A ɛretwam wɔ ewim?
Nyame de, Onim wɔn dodow,
'Fisɛ ɔntɔ nko na ɔnna;
ɔno na ɔbɔɔ wɔn ny'naa
ɔno na ɔbɔɔ wɔn ny'naa.
So wubetum' akan ns'romma
A ɛhy'rɛn wim anadwo?
Wubetum' akan mununkum
A ɛretwam wɔ ewim?
Nyame de, Onim wɔn dodow,
'Fisɛ ɔntɔ nko na ɔnna;
ɔno na ɔbɔɔ wɔn ny'naa
ɔno na ɔbɔɔ wɔn ny'naa.
[V2]
So wubetum' akan nnomaa
A wotu wɔ ewim yi?
Wubetum' akan mpataa no
A wogu nsuten ny'naa mu?
Awurade Nyame ama
Abɔde nyinaa din nk'ronk'ro,
ɔno na ɔmaa wɔn din,
ɔno na ɔmaa wɔn din.
So wubetum' akan nnomaa
A wotu wɔ ewim yi?
Wubetum' akan mpataa no
A wogu nsuten ny'naa mu?
Awurade Nyame ama
Abɔde nyinaa din nk'ronk'ro,
ɔno na ɔmaa wɔn din,
ɔno na ɔmaa wɔn din.
[V3]
So wunim mmofra dodow a
Wɔde 'nigye nyan 'nɔpa?
Wubetum' asusu nne a
Wɔde to nnwom da biara?
Nyame te wɔn nigye nne a
Wɔde to ayeyi nnwom no;
Na ɔdɔ wɔn mu biara,
Na ɔdɔ wɔn mu biara.
So wunim mmofra dodow a
Wɔde 'nigye nyan 'nɔpa?
Wubetum' asusu nne a
Wɔde to nnwom da biara?
Nyame te wɔn nigye nne a
Wɔde to ayeyi nnwom no;
Na ɔdɔ wɔn mu biara,
Na ɔdɔ wɔn mu biara.