Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #99
Hymn 99 Nyame Bɛhwe Wo So
[V1]
Mmaw' bo nntu, nea 'besi biara
Nyame bɛhwɛ wo so;
Tra Ne dɔ ntaban no ase,
Nyame bɛhwɛ wo so.
**Nnyeso**
Nyame bɛhwɛ wo so
Wɔ da biara, akwan ny'naa mu
ɔbɛhwɛ wo so yie;
Nyame bɛhwɛ wo so.
Mmaw' bo nntu, nea 'besi biara
Nyame bɛhwɛ wo so;
Tra Ne dɔ ntaban no ase,
Nyame bɛhwɛ wo so.
**Nnyeso**
Nyame bɛhwɛ wo so
Wɔ da biara, akwan ny'naa mu
ɔbɛhwɛ wo so yie;
Nyame bɛhwɛ wo so.
[V2]
ɔbra nnwuma ma wo bo tų a
Nyame bɛhwɛ wo so;
Sɛ mmusu ba w'akwan mu a,
Nyame bɛhwɛ wo so.
ɔbra nnwuma ma wo bo tų a
Nyame bɛhwɛ wo so;
Sɛ mmusu ba w'akwan mu a,
Nyame bɛhwɛ wo so.
[V3]
ɔbɛma wo nea ehia wo ny'naa
Nyame bɛhwɛ wo so;
ɔremfa hwee nkame wo da
Nyame bɛhwɛ wo so.
ɔbɛma wo nea ehia wo ny'naa
Nyame bɛhwɛ wo so;
ɔremfa hwee nkame wo da
Nyame bɛhwɛ wo so.
[V4]
Sɛ sɔhwɛ no te dɛn arā a,
Nyame bɛhwɛ wo so,
ɔkra brefo, twer' Ne kokom,
Nyame bɛhwɛ wo so.
Sɛ sɔhwɛ no te dɛn arā a,
Nyame bɛhwɛ wo so,
ɔkra brefo, twer' Ne kokom,
Nyame bɛhwɛ wo so.