Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #97

Hymn 97 Ewim Abɔde Kɔntɔnkrɔn

[V1]
Ewim abɔde kɔntɔnkrɔn
Ne ahintasɛm W'ra,
Ͻyɛ W'adebɔ tumi mu
Na yɛn ahoɔden fi

[V2]

W'adwen mu na 'bɔde ny'naa fi,
Yɛɛ mfiasede biara,
Na awo ntoatoaso biaram'
'W'ra, W'at'rimpɔ dā adi.

[V3]

Wobɔɔ 'nipa Wo suban so,
Ewom bɔne sɛee no;
Nso Woyɛɛ nkwagye nhyehyɛe a
Wode bɛgye ne kra.

[V4]

Ma yenhu Wo nokware no
Ne Wo pɛ ho 'hoɔden;
Kosi sɛ 'dɔ a yɛn kra hwehwɛn'
Bɛhyɛ yɛn ma koraa.

97. Ewim Abɔde Kɔntɔnkrɔn

Link copied to clipboard successfully!