Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #91
Hymn 91 Mo Awɛmfo Ne 'Kronkronfo
[V1]
Mo Awɛmfo ne 'kronkronfo,
Hann abɔfokuw ne nhengua,
Monto dɛw dwom, Haleluya!
Monteam, tumidi ahorow,
'Bɔfo mpanin ne nnwontofo;
**Nnyeso**
Haleluya, Haleluya, Haleluya,
Haleluya, Haleluya!
Mo Awɛmfo ne 'kronkronfo,
Hann abɔfokuw ne nhengua,
Monto dɛw dwom, Haleluya!
Monteam, tumidi ahorow,
'Bɔfo mpanin ne nnwontofo;
**Nnyeso**
Haleluya, Haleluya, Haleluya,
Haleluya, Haleluya!
[V2]
Wo a Wok'rɔn sen kerubim
Na W'anuonyam sen serafim,
Boa wɔn 'yeyim' Haleluya!
Wo a Wokura daá Asɛm no,
ɔdɛɛfo pa, ma 'W'rade so.
Wo a Wok'rɔn sen kerubim
Na W'anuonyam sen serafim,
Boa wɔn 'yeyim' Haleluya!
Wo a Wokura daá Asɛm no,
ɔdɛɛfo pa, ma 'W'rade so.
[V3]
'Dɔfo, momma yɛmfa 'nigye
Nto soro nnwom mma ennyigye,
Haleluya, Haleluya!
Mma Nyame Agya, Nyame Ba
Ne Nyame Honhom, Baasak'ro.
'Dɔfo, momma yɛmfa 'nigye
Nto soro nnwom mma ennyigye,
Haleluya, Haleluya!
Mma Nyame Agya, Nyame Ba
Ne Nyame Honhom, Baasak'ro.