Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #90

Hymn 90 Daa Nyamč a Wo Tumi Kura

[V1]
Daa Nyamč a Wo tumi kura
Nhwiren ne ns'romma mu,
Wo a W'anim nni b're nni beae,
'Ky'riky'ri anaa bɛnkyɛe,
Ananafo, ahɔhobea,
Na 'bofra bi nyera:
Brɛ yɛn W'ad'yifo nokwafo
Na wɔmmɛgye 'man ny'naa.

[V2]

Nokware Nyamč a nyansapɛ
Hwehwɛ W' na 'kra som Wo,
Hy'rɛn nokware adwen biaram'
Wɔ 'sase biara so:
Pam sum a efi atorɔ,
Mfomsode ne sųro mu,
Kosi sɛ ɔsoro nyansa
Bɛhy'rɛn ɔbra kwan so.

[V3]

Nyamč a W'ahoɔfɛ da adi
Wɔ nnipa 'dwinne mu
Kasa a wɔde to dwom mu,
Komam' kronkronyɛ mu:
Ky'rɛ yɛn ma yɛmpo efi ny'naa,
Ne akyinnyegye ny'naa
Kosi sɛ yebehu dɛw a
Ͻwɔ 'brabɔ pa mu.

[V4]

Nyamč a Wo trenee ne Wo dom
Dá adi Wo Ba Kristom'
Nea Ne bra ne wu yi Wo ky'rɛ
Nea ɔyɛɛ W'apɛde;
Boa ma yɛntrɛw W'ahenni nom'
Kosi sɛ 'tan begyae,
Na 'yamye atra koma mu
Na 'sase 'nya 'somdwoe!

90. Daa Nyamč a Wo Tumi Kura

Link copied to clipboard successfully!