Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #92

Hymn 92 Wiase'i Yɛ M'Agya De

[V1]
Wiase'i yɛ m'Agya de,
Mete m'asom pefee,
Abɔde nnwom a ɛwoso
Ne nnwom a efi s'ro;
Wiase'I yɛ m'Agya de,
Esi pi m'adwen mu,
Sɛ mmotan, nnua, po ne ewim'
Yɛ Ne nsaanodwuma.

[V2]

Wiase'i yɛ m'Agya de,
'Wim nnomaa towɔn nnwom,
Anɔpa hann ne sukooko,
Yi wɔn Yɛfo n'ayɛ;
Wiase'I yɛ m'Agya de,
ɔhy'rɛn neá ɛyɛ nyinaam'
ɔnam mframa a ɛbɔ mu
Kasa ky'rɛ m' baabiara.

[V3]

Wiase'i yɛ m'Agya de,
O, mma me w'rɛ mmfi da,
Sɛ mfomso kɔ so dɛn ará a
Onyankopɔn di hen'
Wiase'i yɛ m'Agya de,
Dɛn nti na me w'rɛ how,
'W'rade yɛ Hen', ma s'ro nwoso
Na asase nni dɛw.

92. Wiase'i Yɛ M'Agya De

Link copied to clipboard successfully!