Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #85

Hymn 85 Daa Agyā a Wutumi Gye Nkwa

[V1]
Daa Agyá a Wutumi gye nkwa,
Wo basa sɔ as'rɔkye mu,
Na Wohyɛ ɛpo kɛse no
Sɛ ɛnsɛ sɛ ɛtra n;ahye;
Tie yɛn b're a yesu frɛ Wo
Ma po so 'hohia mufo no.

[V2]

Kristo, Wo a nsu tie Wo nne,
Na wɔyɛɛ komm W'asɛm anim;
Wo a Wonantee ɛpo so,
Na Wodaa b're a ɛreh'ru;
Tie yɛn b're a yesu frɛ Wo
Ma po so 'hohia mufo no.

[V3]

Honhom Kronkron a Wubutuu
Nsu a sum ahyɛ so n' ani;
Na Womaa n'abufuw to twae,
De asomdwoe hyɛɛ ananmu:
Tie yɛn b're a yesu frɛ Wo
Ma po so 'hohia mufo no.

[V4]

ɔdɔ ne tumi Basak'ro,
Wo a Woyɛ 'kwantufo kyɛm;
Wobɔ wɔn ho ban fi mmepɔ,
'S'rɔkye, ogya, ne 'tamfo nsam;
Yɛbɛto ayeyi dwom fi
'Sase ne po so ama Wo.

85. Daa Agyā a Wutumi Gye Nkwa

Link copied to clipboard successfully!