Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #286

Hymn 286 Nɔkwa Nsɛm Nwanwa No

[V1]
Kɔ so na to kyerɛ me bio
Nɔkwa nsɛm nwanwa no;
Ma minhu sɛnea ne dɛw te,
Nɔkwa nsɛm nwanwa no;
Nkwa nsɛm a ɛyɛ fɛ,
Ky'rɛm' gyidi ne nwuma.

**Nnyeso**
Nɔsɛm fɛfɛ, nɔsɛm nwanwa;
Nɔkwa nsɛm nwanwa no.
Nɔsɛm fɛfɛ, nɔsɛm nwanwa;
Nɔkwa nsɛm nwanwa no.

[V2]

Hy'rafo Kristo ma obiara,
Nɔkwa nsɛm nwanwa no;
Debɔn'yɛfo tie ɔfrɛ no,
Kɔwa nsɛm nwanwa no;
Wɔde 'yinom ma kwa,
De twe yɛn kɔ soro.

[V3]

Asɛmpa no gyigye dɛdɛ,
Nɔkwa nsɛm nwanwa no;
Ͻma faf'ri ne asomdwoe
Nɔkwa nsɛm nwanwa no;
Agyenkwa Yesu no
Tew yɛn ho daa nyinaa

286. Nɔkwa Nsɛm Nwanwa No

Link copied to clipboard successfully!