Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #81

Hymn 81 Sɛ Mede 'Bɔfo Tɛkrɛma Kasa

[V1]
Sɛ mede 'bɔfo tɛkrɛma kasa,
Mewɔ adiyi 'kyɛde,
Mikųra nimdeɛ a ahinta safoa,
Me gyidi tutu mmepɔ,
Na minni dɔ a, mensɛ hwee;
Minni dɔ a ɛyɛ kwa;
'Wura, Wode Wo nkwa som afof 'ro:
Kyerɛ me eyi ase.

[V2]

'Dɔ wɔ boasetɔ, ennim ahoɔyaw,
Ͻmpene bɔneyɛ so,
N'ani nnye atɛn a ɛntene ho,
Ͻpɛ sɛ nokwar' di nim.
'Dɔ abodwoky'rɛ nni awiei,
Etum' hyia sɔhwɛ biara.
'Wura, Wode Wo nkwa som afof 'ro:
Wo dom nnim a Mɛhwč ase.

[V3]

Nimdeɛ a ahinta, 'nisoadehun',
Ne adiyi to betwa:
Gyidi, 'nidaso ne 'dɔ tim hɔ daa,
Na ɔdɔ ne 'mu kɛse.
Sɛ minni dɔ a mensɛ hwee,
Minni dɔ a ɛyɛ kwa;
'Wura, Wode Wo nkwa som afof 'ro:
Kyerɛ me eyi ase.

81. Sɛ Mede 'Bɔfo Tɛkrɛma Kasa

Link copied to clipboard successfully!