Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #80

Hymn 80 Nyame Wiase, Sɛnea Ͻtrɛw

[V1]
Nyame wiase, sɛnea ɛtrɛw,
Ͻyɛ nwanwa, na ɛyɛ fɛ,
Ͻtra onipa nhunumu,
Nso ɛntra Agya no nhwɛso!
Yɛnyɛ 'hɔho 'sase yi so
A yetwa yɛn ho 'wi yė ase;
Yɛyɛ Nyame mma, 'ha yɛ fie
Ma yɛn ne mmusuakuw nyinaa.

[V2]

'Nipa wiase, nea wɔbɔ bra,
Nea 'nigye ne yaw di afra,
Bɔne ne papa ayɛ ma,
Nso ɛsɛ sɛ papa di hen'!
'Yi ne wiase a Nyame dɔ,
Ne Yɛfo t'rimbɔ yɛ papa;
Nyame nkonimdi bɔhyɛ no,
Da adi Ne nipayɛ mu.

[V3]

Bere wiase a mfe pii wom!
Da k'ro bi, bere gyinaa dinn,
Saa bere kunin a wɔtim
Asɛnnua bi bepɔ so no;
Wohuu 'dɔ tumi yaw ne 'wum';
Bere 'hintasɛm daa adi,
Nyame akwan mu nyansa no
'Dom a ɛsa 'nipa yare.

80. Nyame Wiase, Sɛnea Ͻtrɛw

Link copied to clipboard successfully!