Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #79
Hymn 79 Nyame Dɔ Yɛ Den Yɛ Nokwar'!
[V1]
Nyame dɔ yɛ den yɛ nokwar'!
Enni awiei, 'yɛ fof 'ro daa;
Ase yɛ tena, wɔntɔ nso;
Ͻtra nimdeɛ ne adwen ny'naa.
Nyame dɔ yɛ den yɛ nokwar'!
Enni awiei, 'yɛ fof 'ro daa;
Ase yɛ tena, wɔntɔ nso;
Ͻtra nimdeɛ ne adwen ny'naa.
[V2]
Nyame dɔ yɛ kɛse, 'mu dɔ,
Emu dɔ tra nipa tan ny'naa;
Edi mu, wɔ n'ankasa hann;
Ͻnsakra da, etim hɔ daa.
Nyame dɔ yɛ kɛse, 'mu dɔ,
Emu dɔ tra nipa tan ny'naa;
Edi mu, wɔ n'ankasa hann;
Ͻnsakra da, etim hɔ daa.
[V3]
Nea ɔbɛsoaa yɛn 'nimguase
Dua so nom' na yɛkan Wo yie;
ɔno na Agya n' somaa No,
Sɛ ɔmmɔ yɛn bra, nwu yɛn wu.
Nea ɔbɛsoaa yɛn 'nimguase
Dua so nom' na yɛkan Wo yie;
ɔno na Agya n' somaa No,
Sɛ ɔmmɔ yɛn bra, nwu yɛn wu.
[V4]
Yɛkan Wo tumi a ɛhy'ra
Gye nkwa n' wɔ damoa sum mu mpo;
Na owusɔre hann no mu
Yɛkan W'ahoɔden mayɛ no.
Yɛkan Wo tumi a ɛhy'ra
Gye nkwa n' wɔ damoa sum mu mpo;
Na owusɔre hann no mu
Yɛkan W'ahoɔden mayɛ no.
[V5]
Nyame dɔ, yɛn kyɛm ne boafo
Wɔ yɛn kwan so mmusu nyinaam;
Daa dɔ, Wo mu na yɛhome,
Nya daa korabea ne nhyira.
Nyame dɔ, yɛn kyɛm ne boafo
Wɔ yɛn kwan so mmusu nyinaam;
Daa dɔ, Wo mu na yɛhome,
Nya daa korabea ne nhyira.