Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #78

Hymn 78 Nyame Dɔ Yɛn Sɛ ɔsomaa

[V1]
Nyame dɔ yɛn sɛ ɔsomaa 'Gyenkwa n';
Nyame dɔ yɛn, na ɔdɔ me nso.
Dɔ a enni awiei! Mɛto N'ayeyi,
Nyame dɔ Ne mma, ɔdɔ me nso.

[V2]

ɔsomaa 'Gyenkwa, Gyefo hy'rafo no;
ɔsomaa No sɛ ɔmmɛgye me.
Dɔ a enni awiei! Mɛto N'ayeyi,
Nyame dɔ Ne mma, ɔdɔ me nso.

[V3]

ɔmaa m' akwaaba, Mmɔb'rɔhun' 'sɛm ni;
ɔmaa m' akwaaba, ɔs'ro nne ni.
Dɔ a enni awiei! Mɛto N'ayeyi,
Nyame dɔ Ne mma, ɔdɔ me nso.

[V4]

'Nuonyam ne 'nidi nka daapem dɔ no
Mmeresanten ne mfesanten ny'naa.
Dɔ a enni awiei! Mɛto N'ayeyi,
Nyame dɔ Ne mma, ɔdɔ me nso.

78. Nyame Dɔ Yɛn Sɛ ɔsomaa

Link copied to clipboard successfully!