Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #77

Hymn 77 O Nyame Dɔ Kɛsen'

[V1]
O Nyame dɔ kɛsen',
'Dɔ a ɔde ma kwa;
Bɛhyɛ me koma ne kra ma,
Kyerɛ me Wo nkyɛn kwan.

[V2]

Sɛnea 'wia hyew te no,
Wo dɔ hy'rɛn me so;
Ͻde banbɔ kyeky're me ho,
Twe me ba Wo nkyɛn hɔ.

[V3]

'Po 'bufuw ano dwo,
'S'rɔkye nyi hu biara;
Esum kabii no mu wɔ hann,
Efise Wo dɔ bɛn.

[V4]

O, Nyame dɔ kɛsen'
'Dɔ a ɔde ma kwa;
Ͻhyɛ me koma ne kra ma,
Ͻma me ahoɔden.

77. O Nyame Dɔ Kɛsen'

Link copied to clipboard successfully!