Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #76

Hymn 76 'Dɔ a Ͻrennyaw Mma Menkɔ

[V1]
'Dɔ a ɛrennyaw mma menkɔ,
Mede kra brɛfo' I hyɛ Wo mu;
Mede me nkwa san hyɛ Wo nsa,
Na asen afi Wo bun nom'
Sɛ nkwa a edi mu.

[V2]

Hann a ɛnam me kwan so daa,
Medem' kaneā a ɛredum ma W';
Me koma san nya ne hann no,
Na ahy'rɛn Wo 'wia hann no mu,
Ahoɔfɛ kɛse mu.

[V3]

'Dɛw a ɛde yaw hwehwɛ me,
Mibue me koma mu ma Wo;
Mihu nyankontɔ nsutɔ mu,
Hu sɛ bɔhyɛ no renyɛ kwa; '
Nɔpa a nusu nnim'.

[V4]

'Sɛnnua a ɛma me ti so
Merentumi nguan mfi W'anim
Misie nkwa yi mu 'nuonyam ny'naa,
Na daakye anyane bio sɛ
Nkwa a enni awiei.

76. 'Dɔ a Ͻrennyaw Mma Menkɔ

Link copied to clipboard successfully!