Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #63

Hymn 63 Bra Ma Yɛnto Dwom Mma'

[V1]
Bra ma yɛnto dwom mma'
W'rade; Momma yɛn mu biara,
Mɔfa anigye mmɔ ose
Mma yɛn nkwagye Botan.

[V2]

Momma yɛnnante mmra
N'anim Wɔ aseda nne mu;
Bra ma yɛnto 'yeyi mma No,
Mmɔ No 'se 'nigye mu

[V3]

Nyankopɔn yɛ ɔhenkɛse
Anyame nyinaa so;
Asase mu bun wɔ Ne nsam,
Mmepɔ 'hoɔden wɔ No.

[V4]

ɔno na ɛpo yɛ Ne de,
Na ɔno na ɔyɛe;
Na asase pɛsɛɛ no nso,
Ne nsa na ɛnwenee.

[V5]

Mommra mma yɛnkoto nsom No,
Na yemmutu mmɔ mpae;
Mommra yɛn Yɛfo no anim
Mmetie No nnɛ da yi.

63. Bra Ma Yɛnto Dwom Mma'

Link copied to clipboard successfully!