Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #62
Hymn 62 Sɛnea Wo Trabea Yɛ Fɛ Fa
[V1]
Sɛnea Wo trabea yɛ fɛ fa,
Asafo Aw'rade!
Na Wo dom ntamadan no mu,
Sɛnea 'hɔ yɛ dɛ fa!
Sɛnea Wo trabea yɛ fɛ fa,
Asafo Aw'rade!
Na Wo dom ntamadan no mu,
Sɛnea 'hɔ yɛ dɛ fa!
[V2]
Me kra brɛfo ani gyina,
Sɛ 'behu W'abangua;
Me koma ne me honam team
Ky'rɛ W', Nyame Teasefo.
Me kra brɛfo ani gyina,
Sɛ 'behu W'abangua;
Me koma ne me honam team
Ky'rɛ W', Nyame Teasefo.
[V3]
Hwɛ sɛnea apatuprɛ nya
Ofie gye n'ahome;
Na asomfrakatakyi nso
Nya p'rebu ma ne ho.
Hwɛ sɛnea apatuprɛ nya
Ofie gye n'ahome;
Na asomfrakatakyi nso
Nya p'rebu ma ne ho.
[V4]
W'afɔrebukyia no mu mpo,
ɔbɛto ne nma hɔ;
Wo, asafo 'Wrade Tumfo,
Me Hen' me Nyame.
W'afɔrebukyia no mu mpo,
ɔbɛto ne nma hɔ;
Wo, asafo 'Wrade Tumfo,
Me Hen' me Nyame.
[V5]
Nhy'ra ne wɔn a wɔte Wo fie,
Woyi Wo ayɛ daa.
Nhy'ra ne nea n'ahoɔden ne Wo,
W'akwan wɔ ne komam.
Nhy'ra ne wɔn a wɔte Wo fie,
Woyi Wo ayɛ daa.
Nhy'ra ne nea n'ahoɔden ne Wo,
W'akwan wɔ ne komam.