Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #61

Hymn 61 Nyame Wɔ Ha!

[V1]
Nyame wɔ ha! B're a Ne mma
Hyiam nkamfo ne mpaebɔm' yi,
Anka ma yenhu no kɛse
Nea yɛn ny'naa kyɛ wɔ Kristom.
Ͻha, ne wiase baabiara,
Yɛn nimdeɛ ahorow ny'naa
Twɛn sɛ Honhom no bɛhyɛne
Adwen ne komā a abuem'.

[V2]

Nsohyɛde bɛkae yɛn wɔ ha,
Adom a yehia daa ny'naa;
Ͻha na 'sɛnkapon wɔ;
Asɛm no di kan wɔ ha.
Ͻha na nokwar' 'sɛnka mu.
Kommyɛ ne ɔkasa mu,
Fof'royɛ ne nsakrae mu no,
Honhom no bā obiara nkyɛn.

[V3]

Yɛn mmofra nya 'nika wɔ ha,
'Hwɛfo no nguankuw no mu;
B'rč a yedi paanoo nom nsa no,
Kristo kɔ so hwɛ yɛn so.
Ͻha, 'Somfo no asomfo
Fi ɔsom mu hwehwɛ nea
Ͻky'rɛ wɔ daa 'setram',
Sɛnea wɔgye di ampa.

[V4]

Asafo ne ahemman W'ra,
Nsakrae ne 'kyinnye b're yi,
Yɛ yɛn 'sɛmpan' ho nokwafo,
Ma yɛnnaW' botae adi.
Ͻha, 'nnɛ 'hofama som yim',
Nea yɛma, nea yenya ny'naa,
Yɛn a yɛtč ase Wo mu yi,
Yɛkamfo Wo, yɛgye di!

61. Nyame Wɔ Ha!

Link copied to clipboard successfully!