Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #46

Hymn 46 Wo Ne Me Ntra, Onwin' Adwo

[V1]
Wo ne me ntra, onwin' adwo!
Adekyee atwam kɔ;
Anwumm're sunsuma aba;
Anadwo reba ntɛm!
Dɔfo pā a Wote me komam',
Bra na bɛtra me fie.

**Nnyeso**
'Gyenkwa, ne me ntra 'nadwo yi,
Hwɛ, anwumm're adu!
'Gyenkwa, ne me ntra 'nadwo yi,
Hwɛ, anwumm're adu!

[V2]

Wo ne me ntra, onwin' adwo!
Me ne W' nantew nnɛ no,
Ama me koma ahosan,
Yɛn nkitahodi nom'.
Wo nsɛm no ahyɛ me kra ma
De me abɛn Wo nkyɛn.

[V3]

Wo ne me ntra, onwin' adwo!
Mɛyɛ ankonam 'nadwo' I
B're a me ne Wo nni nkɔmmɔ,
Na minhu Wo hann no.
Misųro sɛ ɛbɛma wiase sum
Abɛhyɛ me fie ma.

46. Wo Ne Me Ntra, Onwin' Adwo

Link copied to clipboard successfully!