Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #35
Hymn 35 Momfa Dwonto Ne Anuonyam
[V1]
Momfa dwonto ne anuonyam
Mma s'ro Aw'rade no;
ɔtrɛw Ne mununkum mu s'ro,
Na nsu kata ewim.
Momfa dwonto ne anuonyam
Mma s'ro Aw'rade no;
ɔtrɛw Ne mununkum mu s'ro,
Na nsu kata ewim.
[V2]
ɔtɔ Ne nhy'ra bosu gu fam,
De dwudwo asase;
ɔma wura fu mmepɔ so,
Ma 'burow nyin bonhwam'.
ɔtɔ Ne nhy'ra bosu gu fam,
De dwudwo asase;
ɔma wura fu mmepɔ so,
Ma 'burow nyin bonhwam'.
[V3]
N'agyina mu na nsakrae ba
Afe no 'kwantu mu.
ɔhyɛ owia ma no hintaw,
Ma awɔbere ba.
N'agyina mu na nsakrae ba
Afe no 'kwantu mu.
ɔhyɛ owia ma no hintaw,
Ma awɔbere ba.
[V4]
ɔma N'asɛm nan suky'rɛma;
Ͻma mfude yɛ frɔmm;
ɔma mframa a 'mu yɛ hyɛw
Bɔ ma 'susow nsu sen.
ɔma N'asɛm nan suky'rɛma;
Ͻma mfude yɛ frɔmm;
ɔma mframa a 'mu yɛ hyɛw
Bɔ ma 'susow nsu sen.
[V5]
Mframa ne mununkum nyinaa
Yɛ setie ma N'asɛm:
Momfa dwonto ne anuonyam
Nkamfo 'W'rade Tumfo.
Mframa ne mununkum nyinaa
Yɛ setie ma N'asɛm:
Momfa dwonto ne anuonyam
Nkamfo 'W'rade Tumfo.