Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #28
Hymn 28 Momma Yenyi Aw'rade Ayɛ
[V1]
Momma yenyi Aw'rade ayɛ,
Ade fɛfɛ a Wayɛ nti;
Yɛbɛda No ase asom No;
'Nigye rentumi nsi yɛn kwan;
Momma yenyi Aw'rade ayɛ,
Ade fɛfɛ a Wayɛ nti.
Momma yenyi Aw'rade ayɛ,
Ade fɛfɛ a Wayɛ nti;
Yɛbɛda No ase asom No;
'Nigye rentumi nsi yɛn kwan;
Momma yenyi Aw'rade ayɛ,
Ade fɛfɛ a Wayɛ nti.
[V2]
Munyi No ayɛ, Nea N'ani sɔ
Mmabun' a wɔyɛ adɔfo;
Monna N'ase, Nea ɔma 'wia pue
Sɛ yefor'kun' rehyia ne y're;
Munyi No ayɛ, Nea N'ani sɔ
Mmabun' a wɔyɛ adɔfo.
Munyi No ayɛ, Nea N'ani sɔ
Mmabun' a wɔyɛ adɔfo;
Monna N'ase, Nea ɔma 'wia pue
Sɛ yefor'kun' rehyia ne y're;
Munyi No ayɛ, Nea N'ani sɔ
Mmabun' a wɔyɛ adɔfo.
[V3]
Munyi No ayɛ, Nea ɔde nhw'ren
Ma yɛn koma so kɔ s'ro no;
Monna N'ase, ɔma obiara
Tum' a yɛde hu yɛn dɔfo;
Munyi No ayɛ, Nea ɔde nhw'ren
Ma yɛn koma so kɔ s'ro no.
Munyi No ayɛ, Nea ɔde nhw'ren
Ma yɛn koma so kɔ s'ro no;
Monna N'ase, ɔma obiara
Tum' a yɛde hu yɛn dɔfo;
Munyi No ayɛ, Nea ɔde nhw'ren
Ma yɛn koma so kɔ s'ro no.