Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #17
Hymn 17 Abɔde Ne Soro Wura
[V1]
Abɔde ne soro Wura,
Owia yi W'anuonyam adi:
Wone abrabɔ nnyinaso,
Wobɛn koma dɔfo biara.
Abɔde ne soro Wura,
Owia yi W'anuonyam adi:
Wone abrabɔ nnyinaso,
Wobɛn koma dɔfo biara.
[V2]
Yɛn nkwa Awia, Wo nkwa hann no,
Hy'rɛn ma egyigye yɛn kwan so;
Yɛn 'nidaso ns'romma, Wo hann
Kyekye yɛn werɛ dasu mu.
Yɛn nkwa Awia, Wo nkwa hann no,
Hy'rɛn ma egyigye yɛn kwan so;
Yɛn 'nidaso ns'romma, Wo hann
Kyekye yɛn werɛ dasu mu.
[V3]
W'anim hintaw a sum d'ru yɛn,
Wo pue yɛ yɛn owigyinae;
Nyankontɔn, Wo dom sɛnky'rɛnne:
Ade nyinaa wɔ W', gye bɔne!
W'anim hintaw a sum d'ru yɛn,
Wo pue yɛ yɛn owigyinae;
Nyankontɔn, Wo dom sɛnky'rɛnne:
Ade nyinaa wɔ W', gye bɔne!
[V4]
Fam ne s'ro nkwa nyinaa Wura,
Wo hann yɛ nokware ne dɔ;
Wo hann ahengua no anim,
Yɛnhwehwɛ yɛn ankasa hann.
Fam ne s'ro nkwa nyinaa Wura,
Wo hann yɛ nokware ne dɔ;
Wo hann ahengua no anim,
Yɛnhwehwɛ yɛn ankasa hann.
[V5]
Fa Wo nokware no dom yɛn,
Gye koma a ɛhwehwɛ Wo yi.
Na W'afɔremuka nyinaa
Nyɛ kronkron sɛ ogyaframa.
Fa Wo nokware no dom yɛn,
Gye koma a ɛhwehwɛ Wo yi.
Na W'afɔremuka nyinaa
Nyɛ kronkron sɛ ogyaframa.