Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #2
Hymn 2 Yɛn Nyame Hen'Abɔde Ny'naa
[V1]
Yɛn Nyame Hen' abɔde ny'naa
Momma mo nne so mma yɛnto
Haleluya, Haleluya!
Owia fɛfɛ a ɛhyerɛn,
ɔsram a ɛma hann 'nadwo!
**Nnyeso**
Munyi N'ayɛ, munyi N'ayɛ,
Haleluya, Haleluya, Haleluya!
Yɛn Nyame Hen' abɔde ny'naa
Momma mo nne so mma yɛnto
Haleluya, Haleluya!
Owia fɛfɛ a ɛhyerɛn,
ɔsram a ɛma hann 'nadwo!
**Nnyeso**
Munyi N'ayɛ, munyi N'ayɛ,
Haleluya, Haleluya, Haleluya!
[V2]
Ahum a etu, mframa brɛoo,
Mununkum ā ɛde mframa nam;
Munyi N'ayɛ, Haleluya!
Anɔpa, di dɛw 'nigye mu;
Anwumm're hann, ma wo nne so;
Ahum a etu, mframa brɛoo,
Mununkum ā ɛde mframa nam;
Munyi N'ayɛ, Haleluya!
Anɔpa, di dɛw 'nigye mu;
Anwumm're hann, ma wo nne so;
[V3]
Nɔsu kronnyen a ɛresen,
Monto dwom mma mo Aw'rade!
Munyi N'ayɛ, Haleluya!
Ogya a ɛhyerɛn fɛfɛ,
Na ɛma yɛn hyew ne kanea;
Nɔsu kronnyen a ɛresen,
Monto dwom mma mo Aw'rade!
Munyi N'ayɛ, Haleluya!
Ogya a ɛhyerɛn fɛfɛ,
Na ɛma yɛn hyew ne kanea;
[V4]
Ma 'bɔde ny'naa nhy'ra ɔbɔadeɛ,
Nsom No wɔ ahobrɛase mu!
Munyi N'ayɛ, Haleluya!
Munyi Agya, ɔba ayɛ!
Ne Honhom no! Baasa K'ro no!
Ma 'bɔde ny'naa nhy'ra ɔbɔadeɛ,
Nsom No wɔ ahobrɛase mu!
Munyi N'ayɛ, Haleluya!
Munyi Agya, ɔba ayɛ!
Ne Honhom no! Baasa K'ro no!