Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #769

Hymn 769 NG19 Oyame Yεda Woase

[V1]
Onyame yεda W’ase,
Woama mfenhyia pii ato yεn;
Ghana S.D.A. Asafo,
Momma yεn nyinaa mmɔ ‘se.

**Nnyeso**
Haleluya, mommɔ se,
Ose ye, aye aye.
Haleluya, Mommɔ se,
Akwanhwεfo mommɔ se

[V2]

Onyame yeyi W’ayε,
Woama ‘somwoe pii aka yεn.
W’asafo anya nkɔso pii,
Ama Wo mma ‘di nkonim.

[V3]

Onyame yεbεsom Wo,
Wotumi abɔ yεn ho ban.
Yεbεhim nkonimdi frankaa,
Wɔ sika mpoano hɔ bi.

[V4]

Onyame yεretwεn Wo,
Fa W’anuonyam kata yεn so
Fa Wo honhom no hyε yεn den,
Kosi sε Kristo bepue.

769. NG19 Oyame Yεda Woase

Link copied to clipboard successfully!