Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #768

Hymn 768 NG18 Sε Owia Hyerεn

[V1]
Sε owia hyerεn anopa,
Ne ɔsram, nsoroma ‘nadwo.
Saa na ofie hy’rεn baabiara;
Ɔbra’ a εte apɔ mu.

**Nnyeso**
‘Genkwa Hy’rafo, hyε yεn ma,
Ma esum no nkɔ aky’ri.
Ma ‘wia hyerεn a efi fie
Nhy’rεn baabiara a yεbεfa

[V2]

‘Somdwoe wɔ ofie biara a,
Yesu ho anigye wɔm’
B’re a ɔhaw aba hɔ no,
Ɔma akoma tɔ yam.

[V3]

‘Gyenkwa, si mmofra yare kwan;
Na bɔ yεn nyinaa ho ban.
Fa Nyame dɔ hann no hyε yεn
Afie mu abrabɔ ma.

[V4]

Agyenkwa, ma yεn nkonimdi;
Honhom ma ‘dɔ, asomdwoe
Nyame anounyam mmra yεn fie,
Na yεn anigye ansa.

768. NG18 Sε Owia Hyerεn

Link copied to clipboard successfully!