Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #770
Hymn 770 NG20 So Mεhu Sika ‘Sase
[V1]
So mehu sika ‘sase’ a
Woasiesie ‘ma hotefo
Anuonyam ‘sase a εhyerεn,
Na Yesu yε hann nom?
**Nnyeso**
Merekɔ fie, Yiw, nɔdεw fie
W’ra yεm’ nokwafo
Kod’ru sika man nom’?
So mehu sika ‘sase’ a
Woasiesie ‘ma hotefo
Anuonyam ‘sase a εhyerεn,
Na Yesu yε hann nom?
**Nnyeso**
Merekɔ fie, Yiw, nɔdεw fie
W’ra yεm’ nokwafo
Kod’ru sika man nom’?
[V2]
Na mentumi nte ase
Sε metum’ atw’re Yesu;
Afei mahu sε metw’re No a
Obεdi m’anim daa.
Na mentumi nte ase
Sε metum’ atw’re Yesu;
Afei mahu sε metw’re No a
Obεdi m’anim daa.
[V3]
Sε ɔbra mu yε den a,
Kristo ma mentum’ nyε den.
Ahobrεasem’ gyinaW’ bɔhyε so
Kodu W’ahemfie hɔ.
Sε ɔbra mu yε den a,
Kristo ma mentum’ nyε den.
Ahobrεasem’ gyinaW’ bɔhyε so
Kodu W’ahemfie hɔ.
[V4]
Ahenkyεw bi retwεn me
Wɔ kuro fεfε no mu;
Mede dɔ yε nea mentumi a
Me ne No bεtraa daa.
Ahenkyεw bi retwεn me
Wɔ kuro fεfε no mu;
Mede dɔ yε nea mentumi a
Me ne No bεtraa daa.