Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #767
Hymn 767 NG17 Agya Bεhwε
[V1]
Agya bεhwε, Agya bεka,
Me Nyame bεdi ama me o;
Nyame a ɔntɔ nko, ɔnna
Dabiara da o;
Agya bεhwε, Agya bεka,
Me Nyame bεdi ama me o;
Metwere No a,metwere ɔbotan
M’anim ngu ase ara da o.
**Nnyeso**
Sε asεm bi to me a;
Me Nyame bεdi ama me o;
Sε ɔko ba me so a,
Me Nyame bɔko agye me o.
Ɔbεka ama me, ɔbεdi ama me,
Ɔbεko agye me nti mensuro hwee.
Agya bεhwε, Agya bεka,
M Nyame bεdi ama me o
Metwere No a, metwere ɔbotan
M’anim ngu ase ara da o.
Agya bεhwε, Agya bεka,
Me Nyame bεdi ama me o;
Nyame a ɔntɔ nko, ɔnna
Dabiara da o;
Agya bεhwε, Agya bεka,
Me Nyame bεdi ama me o;
Metwere No a,metwere ɔbotan
M’anim ngu ase ara da o.
**Nnyeso**
Sε asεm bi to me a;
Me Nyame bεdi ama me o;
Sε ɔko ba me so a,
Me Nyame bɔko agye me o.
Ɔbεka ama me, ɔbεdi ama me,
Ɔbεko agye me nti mensuro hwee.
Agya bεhwε, Agya bεka,
M Nyame bεdi ama me o
Metwere No a, metwere ɔbotan
M’anim ngu ase ara da o.
[V2]
Nyame no ara, me bɔfo no,
Yehowa wɔ hɔ ma me o
Me dɔfo Yesu, ɔmpa m’akyi ara da o
Nyame no ara,me bɔfo no
Yehowa wɔ hɔ ma me o
Ɔnim me fi y’afun’ mu
Ansa na wɔ woo me o.
Nyame no ara, me bɔfo no,
Yehowa wɔ hɔ ma me o
Me dɔfo Yesu, ɔmpa m’akyi ara da o
Nyame no ara,me bɔfo no
Yehowa wɔ hɔ ma me o
Ɔnim me fi y’afun’ mu
Ansa na wɔ woo me o.