Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #758
Hymn 758 NG8 Onipa Tiafo
[V1]
Dεn na Menyε wo onipa?
Mmoadoma mpo Mehwε wɔnso,
Anka wo a Mebɔɔ wo Me nsε so,
Dεn nti na biribi hia wo?
**Nnyeso**
Onipa tiafo, woabɔ Me so ko;
Onipa, Menyε wo dεn?
Nyame na ɔse, wo de
Gye Me di, Onipa kae Me ε
Dεn na Menyε wo onipa?
Mmoadoma mpo Mehwε wɔnso,
Anka wo a Mebɔɔ wo Me nsε so,
Dεn nti na biribi hia wo?
**Nnyeso**
Onipa tiafo, woabɔ Me so ko;
Onipa, Menyε wo dεn?
Nyame na ɔse, wo de
Gye Me di, Onipa kae Me ε
[V2]
Dεn na Menka nky'rε dasani,
Mebεε wo, na Mesan gyee wo;
Womma eyi mpo nsom wo bo,
Nanso wotan wo Bɔfoε
Dεn na Menka nky'rε dasani,
Mebεε wo, na Mesan gyee wo;
Womma eyi mpo nsom wo bo,
Nanso wotan wo Bɔfoε
[V3]
Wiase yi nni wɔ wo ne Me,
Ɔdɔ nti na Mebɔɔ wo;
Meremma no sε Oguamma bio,
Mεba no anibere so.
Wiase yi nni wɔ wo ne Me,
Ɔdɔ nti na Mebɔɔ wo;
Meremma no sε Oguamma bio,
Mεba no anibere so.
[V4]
Metoo asase yi fapem,
Onipa, na wowɔ he?
Mebɔɔ nnua ne nsuo no
Na woyε dɔte mu dɔte.
Metoo asase yi fapem,
Onipa, na wowɔ he?
Mebɔɔ nnua ne nsuo no
Na woyε dɔte mu dɔte.
[V5]
Mabrε wo dodo, onipa
Medi wo ho abooboo
Meka no Me koma mu sε,
Manu Me ho sε Mebɔɔ wo.
Mabrε wo dodo, onipa
Medi wo ho abooboo
Meka no Me koma mu sε,
Manu Me ho sε Mebɔɔ wo.
[V6]
Nanso Medɔ wo onipa,
Wo wuo nyε Me fε;
Wotie Me nne a Mεgye wo,
Mεyε wo awaawaatuu.
Nanso Medɔ wo onipa,
Wo wuo nyε Me fε;
Wotie Me nne a Mεgye wo,
Mεyε wo awaawaatuu.