Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #757

Hymn 757 NG7 De Bɔnyεni A Ɔte Sε Me

[V1]
Debɔn ‘yεni a ɔte sε me
Nanso Agya no dɔ me;
Sε Nyame mekae Wo dɔ yi a,
Na m'ani awu me tirim.
O Awurade sakra me,
Na ma menyε nea Wopε.
Sakra me, sakra me,
Na menyε Wo de daa.

**Nnyeso**
Agya fa me, Agya fa me,
Fa me fra Wo de mu;
Sesa me Awurade,
Sesa me Awurade,
Mo menyε foforɔ

[V2]

Mεdi ahurisi Wo din ho,
Na mani gye W'adɔe ho;
Mene hwan Awurade, mete ase
Wɔ saa ahokyere yi mu;
Wo nsam na me honhom hyε,
Menni guankɔbea biara;
Te W'anim kyerε W'akoa,
Fa W'adɔe gye me nkwa.

[V3]

Awurde, mma m'anim ngu ase,
Bre a meda so twere Wo;
Nhwε m'amumuyε,Awurade
Ntua me so ka;
Mentumi nnyina W'abufuo ano
Mentumi ne Wo nni ako
Awurade, Awurade
W'akyi obi nni hɔ

[V4]

Mεto Awurade adɔe ho nnwom,
Mεyi Ne din akyerε aman;
Memma Ne din nyεm' aniwu,
Mεbɔ no b're a εsε mu
Menim sε Nyame bε tie me
Na Wayε nsεnhia ama me
Me Wura tie, me Wura tie,
Wo mma teateam frε wo.

757. NG7 De Bɔnyεni A Ɔte Sε Me

Link copied to clipboard successfully!