Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #759
Hymn 759 NG9 Ɛnam Ne Honhom So
[V1]
Wo honhom Wo(Nyame)
Honhom na yehia
Nyame honhom Kronkron no.
Wo honhom, Wo (Nyame)
Honhom yεsrεW'
Ma W'honhom no mmεhyε yεn ma.
Wo honhom no mmεhyε yεn ma.
Wo honhom no n'εbεboa ma yεahu Yesu yie;
**Nnyeso**
Wo honhom no n'εbεboa ma yεadi W'ahyεde so,
Ɔkwankyerεfo, ɔkwankyerεfo,
Okyigyinafo no wɔ he
Akwantuo yi mu hia
Wo honhom no yie.
Wo honhom Wo(Nyame)
Honhom na yehia
Nyame honhom Kronkron no.
Wo honhom, Wo (Nyame)
Honhom yεsrεW'
Ma W'honhom no mmεhyε yεn ma.
Wo honhom no mmεhyε yεn ma.
Wo honhom no n'εbεboa ma yεahu Yesu yie;
**Nnyeso**
Wo honhom no n'εbεboa ma yεadi W'ahyεde so,
Ɔkwankyerεfo, ɔkwankyerεfo,
Okyigyinafo no wɔ he
Akwantuo yi mu hia
Wo honhom no yie.
[V2]
Wo honhom Wo (Nyame)
Honhom Nyame mu
Asetra nti yehia no.
Wo honhom, Wo (Nyame)
Honhom, wiase
Nsεmma nsεmma nti yehia Wo.
Wo honhom no n'εbεboa ma
Yεanya abrabɔ pa
Wo honhom Wo (Nyame)
Honhom Nyame mu
Asetra nti yehia no.
Wo honhom, Wo (Nyame)
Honhom, wiase
Nsεmma nsεmma nti yehia Wo.
Wo honhom no n'εbεboa ma
Yεanya abrabɔ pa
[V3]
Wo honhom, Wo (Nyame)
Honhom n'εbεhyε
Yεn den ɔbra kwantu'i mu
Wo honhom, Wo (Nyame) honhom
N'εbεkanyan yεn, yεn
Nyamesom mu,
Wo honhom no n'εbεka yεn ama
Yεasom Wo daa;
εnyε ‘hoɔden so, εnyε tumi so, n;
'εbεma yεadi nkonim,
Wo honhom so Awurade Honhom
Kronkron no.
Wo honhom, Wo (Nyame)
Honhom n'εbεhyε
Yεn den ɔbra kwantu'i mu
Wo honhom, Wo (Nyame) honhom
N'εbεkanyan yεn, yεn
Nyamesom mu,
Wo honhom no n'εbεka yεn ama
Yεasom Wo daa;
εnyε ‘hoɔden so, εnyε tumi so, n;
'εbεma yεadi nkonim,
Wo honhom so Awurade Honhom
Kronkron no.